Psalms 126

Ɔsoroforo dwom.


1 Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no,
yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.

2 Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma,
anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma.
Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se,
Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”

3 Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn,
na anigye ahyɛ yɛn ma.


4 Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn,
te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.

5 Wɔn a wodua no nusu mu no
de anigye nnwom betwa.

6 Wɔn a wɔde osu fi adi
so aba a wɔrekodua no,
de anigye nnwom bɛsan aba
a wɔsoso nnɔbae afiafi.
Copyright information for TwiAKNA